Psalms 64

Ogye ho mpaebɔ

1Mewɔ ɔhaw mu,
Onyankopɔn, na tie me mpaebɔ!
Misuro mʼatamfo; gye me nkwa.
2Bɔ me ho ban fi amumɔyɛfo ne nnebɔneyɛfo dɔm nsam.
3Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ nkrante na wɔpɛ atirimɔden nsɛm te sɛ agyan.
4Wɔnkyɛ atorosɛm a wɔn ani nwu ne ka ho.
Wɔka nnipa pa ho nsɛm a enye de sopa wɔn.
5Wɔhyɛ wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nneyɛe ho.
Wodwen baabi a wobesum wɔn firi ho na wɔka se, “Obiara renhu wɔn.”
6Wɔhyehyɛ amumɔyɛ ho ka se, “Bɔne nhyehyɛe a yɛayɛ yi ho nni asɛm.” Onipa koma ne nʼadwene yɛ anwonwade.
7Nanso Onyankopɔn tow nʼagyan kyerɛ wɔn so, na prɛkopɛ, wopirapira.
8Saa nsɛm no nti, ɔbɛsɛe wɔn.
Wɔn a wohu wɔn nyinaa bɛwosow wɔn ti.
9Wɔn nyinaa besuro.
Wobedwen nea Onyankopɔn ayɛ ho na wɔaka dwuma a odi.
10Atreneefo nyinaa ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ nea Awurade ayɛ ho.
Wobenya nkwagye wɔ ne mu na nnipa pa nyinaa bɛkamfo no.
Copyright information for TwiNAK